1 Chronicles 4:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Israel Onyankopɔn sɛ, “Ao, hyira me na trɛ mʼahyeɛ mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ deɛ mɛyɛ biara mu, na yi me firi ɔhaw ne ɔyea nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisadeɛ no maa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Sɛ anka worehyira me na woatrɛ me hyeɛ mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na yea bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa deɛ ɔsrɛɛ no baa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Sɛ anka worehyira me na woatrɛ me hyeɛ mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na yea bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa deɛ ɔsrɛɛ no baa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yabes frɛɛ Israel Nyankopɔn sɛ: Oo, sɛ anka wubehyira me na woatrɛw me hye mu na wo nsa adi m’akyi na woamma bɔne bi ammɛyɛ me na ɛyaw bi ammɛka me ɛ! Na Onyankopɔn maa nea ɔsrɛe no bae.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpae kyerɛɛ Israel Nyankopɔn se, “Ao, hyira me na trɛw mʼahye mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ nea mɛyɛ biara mu, na yi me fi ɔhaw ne ɔyaw nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisade no maa no.