1 Chronicles 6:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu hɔ, kɔsii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔyeyɛɛ dwom mu asomfo ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no anim de kɔsii sɛ Salomo sii AWURADE fie no Yerusalem, na wɔgyinagyinaa wɔn afa wɔn som no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔyeyɛɛ dwom mu asomfo ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no anim de kɔsii sɛ Salomo sii AWURADE fie no Yerusalem, na wɔgyinagyinaa wɔn afa wɔn som no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔde dwonto somee ahyiae ntamadan no tenabea no anim de kosii sɛ Solomon sii AWURADE fi no Yerusalem, na wogyinagyinaa wɔn afa wɔn som no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kosii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.