1 Chronicles 6:70 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Kohat asefoɔ nkaeɛ no, wɔde saa nkurotoɔ a ɛfiri Manase abusua fa no mu na ɛmaa wɔn: Aner ne Bileam a emu biara mmoa adidibea ka ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne Manase abusuakuo fa no mu: Aner ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Bileam ne ɛho asase wɔde maa Kehat mma a wɔkaeɛ no abusua.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne Manase abusuakuo fa no mu: Aner ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Bileam ne ɛho asase wɔde maa Kehat mma a wɔkaeɛ no abusua.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne Manase abusuakuw fa no mu: Aner ne ɛho mfikyisase, ne Bileam ne ɛho asase, wɔde maa Kohat mma a wɔkae no abusua.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Kohat asefo nkae no, wɔde saa nkurow a efi Manase abusua fa no mu na ɛmaa wɔn: Aner ne Bileam a emu biara mmoa adidibea ka ho.