1 Chronicles 7:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno akyi, Efraim kɔɔ ne yere ho, na ɔnyinsɛnee, woo ɔbabarima. Efraim too no edin Beria ɛsiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafoɔ faa mu no enti.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔne ne yere daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Beria, ɛfiri sɛ adebɔne na ɛbaa ne fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔne ne yere daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Beria, ɛfiri sɛ adebɔne na ɛbaa ne fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkɔɔ ne yere ho, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Beria, efisɛ adebɔne na ɛbaa ne fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno akyi no, Efraim kɔɔ ne yere ho, na onyinsɛn woo ɔbabarima. Efraim too no din Beria esiane abɛbrɛsɛ a nʼabusuafo faa mu no nti.