1 Chronicles 7:28 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Efraim asefoɔ no tenaa asase Bet-El ne ne nkurotoɔ a atwa afa anafoɔ fam, Naaran a ɛda apueeɛ fam, Geser ne ne nkuraaseɛ a ɛda atɔeɛ fam ne Sekem ne ne nkuraaseɛ a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kɔsi Aya a nkuraaseɛ ka ho no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn agyapadeɛ ne wɔn tenabea ne Betel ne ɛho nkurowa, ne apueeɛ fam Naaran ne atɔeɛ fam Geser ne ɛho nkurowa ne Sekem ne ɛho nkurowa kɔduru Asa ne ɛho nkurowa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn agyapadeɛ ne wɔn tenabea ne Betel ne ɛho nkurowa, ne apueeɛ fam Naaran ne atɔeɛ fam Geser ne ɛho nkurowa ne Sekem ne ɛho nkurowa kɔduru Asa ne ɛho nkurowa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn agyapade ne wɔn tenabea ne Betel ne ɛho nkurowa ne apuei fam Naaran ne atɔe fam Geser ne ɛho nkurowa ne Sekem ne ɛho nkurowa kodu Gasa ne ɛho nkurowa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Efraim asefo no tenaa asase Bet-El ne ne nkurow a atwa afa anafo fam, Naaran a ɛda apuei fam, Geser ne ne nkuraa a ɛda atɔe fam ne Sekem ne ne nkuraa a atwa ho ahyia, kɔfa atifi fam, de kosi Aya a nkuraa ka ho no so.