1 Chronicles 8:40 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ulam mmammarima nyinaa yɛ akofoɔ a wɔakwadare wɔ akodie mu, na wɔyɛ agyantofoɔ toamfom. Na wɔwɔ mma ne mmanananom bebree a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ ɔha aduonum. Yeinom nyinaa yɛ Benyamin asefoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ulam mma yɛ mmarima ahoɔdenfoɔ a wɔtumi wɔn ho, wɔkuntunu tadua, na wɔwɔ mma bebree ne mma mma ɔha aduonum. Yeinom nyinaa yɛ Benyamin mma asefoɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ulam mma yɛ mmarima ahoɔdenfoɔ a wɔtumi wɔn ho, wɔkuntunu tadua, na wɔwɔ mma bebree ne mma mma ɔha aduonum. Yeinom nyinaa yɛ Benyamin mma asefoɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Ulam mma yɛ mmarima ahoɔdenfo a wotumi, wokuntun ta, na wɔwɔ mma bebree ne mmanananom ɔha aduonum. Eyinom nyinaa yɛ Benyamin mma asefo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ulam mmabarima nyinaa yɛ akofo a wɔakwadaw akodi mu, wɔyɛ agyantowfo antoamfom. Na wɔwɔ mma ne nananom bebree a na wɔn nyinaa dodow yɛ ɔha aduonum. Eyinom nyinaa yɛ Benyamin asefo.