1 Chronicles 9:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔwɛn Onyankopɔn fie hɔ anadwo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ wɔn asɛdeɛ. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wɔbuebue apono no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Nyankopɔn fie no ho na wɔteteeɛ hyia anadwoɔ berɛ biara, na wɔn so na ɔwɛn no da, na wɔn nso na na wɔhinihini apono no daa anɔpa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Nyankopɔn fie no ho na wɔteteeɛ hyia anadwoɔ berɛ biara, na wɔn so na ɔwɛn no da, na wɔn nso na na wɔhinihini apono no daa anɔpa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn fi no ho ho na wɔtetee hyia anadwo, na wɔn so na ɔwɛn no da, na wɔn nso na wohiɛhiɛ daa anɔpa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔwɛn Onyankopɔn fi hɔ anadwo, efisɛ na ɛyɛ wɔn asɛde. Afei, na ɛyɛ wɔn adwuma sɛ da biara anɔpa wobuebue apon no.