1 Chronicles 9:28 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na apono ano ahwɛfoɔ no bi adwuma ne sɛ wɔhwɛ nneɛma ahodoɔ a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresane de akɔgu hɔ no nyinaa a, wɔhwɛ sɛ ebi nnyera.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔn mu binom hwɛ ɔsom nnoɔma no so, na wɔbu ano de ba mu, na wɔbu ano de firi adi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔn mu binom hwɛ ɔsom nnoɔma no so, na wɔbu ano de ba mu, na wɔbu ano de firi adi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔn mu binom hwɛ ɔsom nneɛma no so, na wobu ano de ba mu, na wobu ano de fi adi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na apon ano ahwɛfo no bi adwuma ne sɛ, wɔhwɛ nneɛma ahorow a wɔde yɛ ɔsom adwuma no so. Sɛ wɔrekɔfa, na wɔresan de akogu hɔ no nyinaa, wɔhwɛ sɛ bi renyera.