1 Chronicles 9:29 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afoforɔ nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu, nsã, ngo, nnuhwam ne kurobo ahodoɔ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔde wɔn mu binom asisi nnoɔma ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ne esiam, nsa, ngo, ohwamfufuo ne nnuhwam no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔde wɔn mu binom asisi nnoɔma ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ne esiam, nsa, ngo, ohwamfufuo ne nnuhwam no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔde wɔn mu binom asisi nneɛma ne kronkronbea nneɛma no nyinaa ne asikresam ne nsa ne ngo ne ohuamfufu ne nnuhuam no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afoforo nso hwɛ nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ, nneɛma a wɔde brɛ wɔn, sɛ ebia, asikresiam a wɔayam no muhumuhu, nsa, ngo, nnuhuam ne kurobow ahorow so.