1 Corinthians 11:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mo ara monni afie a modidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mogu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a adeɛ ahia wɔn no anim ase? Ɛdeɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo anaa? Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na monni afie a modidi na monom wɔ mu anaa? Anaasɛ animtia na mobu Nyankopɔn asafo no na mogu wɔn a wɔnni bie no anim aseɛ? Mense mo sɛn? Menyi mo ayɛ anaa? Yei ho deɛ, menyi mo ayɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na monni afie a modidi na monom wɔ mu anaa? Anaasɛ animtia na mobu Nyankopɔn asafo no na mogu wɔn a wɔnni bie no anim aseɛ? Mense mo sɛn? Menyi mo ayɛ anaa? Yei ho deɛ, menyi mo ayɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na munni afi a mudidi na monom wɔ mu anaa? Anaasɛ mubu Nyankopɔn asafo no animtiaa, na mogu wɔn a wonni bi no anim ase? Minse mo dɛn? Minyi mo ayɛ anaa? Eyi ho de, minyi mo ayɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mo ara munni afi a mudidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mugu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a ade ahia wɔn no anim ase ana? Dɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo ana? Ɛsɛ sɛ muhu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!