1 Corinthians 14:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako enum pɛ a mobɛte aseɛ na moagyina so atumi akyerɛ afoforɔ adeɛ sene sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforɔ mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
nanso asafo mu deɛ, mɛpɛ sɛ mede m’adwene meka nsɛm nnum, na makyerɛkyerɛ ebinom nso, sene sɛ mɛka nsɛm ɔpedu kasa bi mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
nanso asafo mu deɛ, mɛpɛ sɛ mede m’adwene meka nsɛm nnum, na makyerɛkyerɛ ebinom nso, sene sɛ mɛka nsɛm ɔpedu kasa bi mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
nanso asafo mu de, mepɛ sɛ mede m’adwene meka nsɛm anum, na makyerɛkyerɛ ebinom nso, sen sɛ mɛka nsɛm ɔpedu ɔkasa bi mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako anum pɛ a mobɛte ase na moagyina so atumi akyerɛ afoforo ade, sen sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforo mu.