1 Corinthians 14:2 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onipa a ɔka kasa foforɔ no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokorɛ mu ahintasɛm.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Deɛ ɔkasa kasa bie no, ɔnkasa nkyerɛ nnipa na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn; na obiara nte aseɛ, na honhom mu na ɔka ahuntasɛm.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Deɛ ɔkasa kasa bie no, ɔnkasa nkyerɛ nnipa na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn; na obiara nte aseɛ, na honhom mu na ɔka ahuntasɛm.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nea ɔkasa kasa bi no, ɔnkasa nkyerɛ nnipa na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn; na obiara nte ase, na honhom mu na ɔka ahintasɛm.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Onipa a ɔka kasa foforo no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, efisɛ obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokware mu ahintasɛm.