1 Corinthians 14:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Menam nnipa a wɔka kasa foforɔ so bɛkasa makyerɛ saa nnipa yi. Menam ahɔhoɔ anofafa so bɛkasa nanso, wɔrentie me,” Awurade na ɔseɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔatwerɛ no mmara no mu sɛ: Kasa foforɔ ne ano foforɔ na me ne ɔman yi de bɛkasa, na ne saa mpo wɔrentie me, Awurade na ɔseɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔatwerɛ no mmara no mu sɛ: Kasa foforɔ ne ano foforɔ na me ne ɔman yi de bɛkasa, na ne saa mpo wɔrentie me, Awurade na ɔseɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔakyerɛw mmara no mu sɛ: Ɔkasa foforo ne ano foforo na me ne ɔman yi de bɛkasa, na ne saa nso mpo wɔrentie me, sɛ Awurade na ose.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Kyerɛwsɛm no ka se, “Menam nnipa a wɔka kasa foforo so bɛkasa akyerɛ saa nnipa yi. Menam ahɔho anofafa so bɛkasa, nanso wɔrentie me,” Awurade na ose.