1 Corinthians 14:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Kasa foforɔ no yɛ wɔn a wɔnni gyidie no nsɛnkyerɛnneɛ ɛnna Onyame asɛnka no nso yɛ agyidifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti kasa ahodoɔ no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma gyidifoɔ, na mmom ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn a wɔnnye nnie; na nkɔmhyɛ deɛ ɛnyɛ wɔn a wɔnnye nnie dea, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔgye die dea.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti kasa ahodoɔ no nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma gyidifoɔ, na mmom ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ma wɔn a wɔnnye nnie; na nkɔmhyɛ deɛ ɛnyɛ wɔn a wɔnnye nnie dea, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔgye die dea.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti ɔkasa horow no nyɛ sɛnkyerɛnne mma gyidifo, na mmom ɛyɛ ma wɔn a wonnye nni; na nkɔmhyɛ de, ɛnyɛ wɔn a wonnye nni de, na mmom ɛyɛ wɔn a wogye di dea.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Kasa foforo no yɛ wɔn a wonni gyidi no nsɛnkyerɛnne na Onyame asɛnka no nso yɛ gyidifo nsɛnkyerɛnne.