1 Corinthians 15:28 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no, ase; na Onyankopɔn adi biribiara so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ ɔnya de nnoɔma nyinaa gu ne nan ase a, ɛno ansa na ɔba no ara nso de ne ho bɛhyɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no aseɛ, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ ɔnya de nnoɔma nyinaa gu ne nan ase a, ɛno ansa na ɔba no ara nso de ne ho bɛhyɛ deɛ ɔde nnoɔma nyinaa guu ne nan ase no aseɛ, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ onya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, ɛno ansa na ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no ase; na Onyankopɔn adi biribiara so.