1 Corinthians 15:40 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsoro onipadua wɔ hɔ, ɛnna ɛfam onipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro onipadua nko ara, ɛnna ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma ɛfam onipadua.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Afei ɔsoro nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ, na fam nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ; ɛsono ɔsoro deɛ no animuonyam, na ɛsono fam deɛ no deɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Afei ɔsoro nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ, na fam nnipadua ahodoɔ wɔ hɔ; ɛsono ɔsoro deɛ no animuonyam, na ɛsono fam deɛ no deɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Afei ɔsoro nnipadua horow wɔ hɔ, na fam nnipadua horow wɔ hɔ; ɛsono ɔsoro de no anuonyam, na ɛsono fam de no de.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsoro nipadua wɔ hɔ na fam nipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro nipadua nko ara, na ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma fam nipadua.