1 Corinthians 5:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwom sɛ me deɛ, me ne mo ntam ɛkwan ware, nanso, mewɔ mo nkyɛn honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afideɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ mo nkyɛn ara pɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na me deɛ, menni hɔ honam fam deɛ, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na me deɛ, menni hɔ honam fam deɛ, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na me de, minni hɔ ɔhonam fam de, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu nea ɔyɛɛ saa ade yi atɛn dedaw te sɛ mewɔ hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛwɔ mu, me de, me ne mo ntam kwan ware nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afide yi atɛn dedaw te sɛ nea mewɔ mo nkyɛn ara pɛ.