1 Corinthians 7:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnnedeɛ biara. Sɛ ɔbarima nso a ɔntwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔtwa twetia.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔfrɛɛ obi na ɔyɛ twetiatwani anaa? Mma no nnnane momonotoni. Wɔfrɛ obi na ɔyɛ momonotoni anaa? Mma wɔnntwa no twetia.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔfrɛɛ obi na ɔyɛ twetiatwani anaa? Mma no nnnane momonotoni. Wɔfrɛ obi na ɔyɛ momonotoni anaa? Mma wɔnntwa no twetia.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔfrɛɛ obi, na ɔyɛ twetiatwani anaa? Mma ɔnnnan momonoto! Wɔfrɛɛ obi, na ɔyɛ momonoto anaa? Mma wonntwa no twetia!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnne biara. Sɛ ɔbarima nso a ontwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ otwa twetia.