1 Corinthians 7:34 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu de ne ho ma Awurade adwuma wɔ honam ne honhom fam; nanso ɔbaa a wawareɛ no de ne ho to ewiase nneɛma so, ɛfiri sɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɛma n’adwene yɛ no ntanta. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu dwennwene Awurade deɛ ho, na ne ho ate nipadua ne honhom mu; na ɔbaa warefoɔ deɛ ɔdwennwene wiase deɛ ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne kunu ani.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɛma n’adwene yɛ no ntanta. Ɔbaa a ɔnwareeɛ anaa ɔbaabunu dwennwene Awurade deɛ ho, na ne ho ate nipadua ne honhom mu; na ɔbaa warefoɔ deɛ ɔdwennwene wiase deɛ ho, sɛdeɛ ɔbɛsɔ ne kunu ani.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɛma n’adwene no yɛ ntanta. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbaabun da dwen Awurade de ho, na ne ho atew nipadua ne honhom mu; na ɔbea warefo de, ɔda dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ okunu ani.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbabun de ne ho ma Awurade adwuma wɔ ɔhonam ne honhom fam; nanso ɔbea a waware no de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani.