1 Corinthians 8:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔnim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kɔsi sɛ, sɛ wɔdi saa nnuane no a, wɔnim pefee sɛ ohoni aduane na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ enti, wɔgye di nso sɛ aduane no gu wɔn ho fi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu; enti ebinom de wedare a wɔawedare wɔ abosonsɛm ho bɛsi nnɛ no di no sɛ abosom afɔrebɔdeɛ, na ɛnam sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛ nti, efi ka no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu; enti ebinom de wedare a wɔawedare wɔ abosonsɛm ho bɛsi nnɛ no di no sɛ abosom afɔrebɔdeɛ, na ɛnam sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛ nti, efi ka no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu; enti ebinom de, abosom ho gyidi a wɔwɔ de besi nnɛ no di sɛ abosom afɔrebɔde, na ɛnam sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛw nti, efi ka wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ɛnyɛ obiara na onim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kosi sɛ, sɛ wodi saa nnuan no a wonim pefee sɛ ohoni aduan na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw nti, wogye di nso sɛ aduan no gu wɔn ho fi.