1 Corinthians 9:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Anaasɛ na asɛm a ɔreka no fa yɛn ho? Nokorɛm wɔtwerɛɛ yei de maa yɛn. Onipa a ɔfuntum ne deɛ ɔtwa aba no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ wɔn adwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛnya wɔn kyɛfa wɔ wɔn dwumadie no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
anaasɛ yɛn nti na ɔkaa saa? Na yɛn nti na wɔatwerɛ sɛ ɛsɛ deɛ ɔfuntum asase no sɛ ɔfuntum no anidasoɔ mu, na deɛ ɔpore aburoo no pore no anidasoɔ mu sɛ ɔbɛnya mu bi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
anaasɛ yɛn nti na ɔkaa saa? Na yɛn nti na wɔatwerɛ sɛ ɛsɛ deɛ ɔfuntum asase no sɛ ɔfuntum no anidasoɔ mu, na deɛ ɔpore aburoo no pore no anidasoɔ mu sɛ ɔbɛnya mu bi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
anaasɛ yɛn nti na ɔka saa? Na yɛn nti na wɔakyerɛw sɛ ɛsɛ nea ofuntum asase no sɛ ofuntum no anidaso mu, na nea ɔporow aburow no yɛ no anidaso mu, sɛ obenya mu bi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Anaasɛ na asɛm a ɔreka no fa yɛn ho ana? Nokware, wɔkyerɛw eyi de maa yɛn. Ɛsɛ sɛ onipa a ofuntum ne nea otwa aba no nyinaa yɛ wɔn adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a, wobenya wɔn kyɛfa wɔ wɔn dwumadi no mu.