1 Corinthians 9:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnneɛ, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ menya? Ɛyɛ ahohoahoadeɛ sɛ wobɛka asɛmpa no na wonnye hwee na wommisa asɛdeɛ biara nso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei m’akatua ne deɛ ɛwɔ he? Ɛne sɛ, meka asɛmpa no a, memfa akatua biara mmata ho na mamfa tumi a wɔde ama me wɔ asɛmpa no ho no manyɛ biribi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei m’akatua ne deɛ ɛwɔ he? Ɛne sɛ, meka asɛmpa no a, memfa akatua biara mmata ho na mamfa tumi a wɔde ama me wɔ asɛmpa no ho no manyɛ biribi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Afei m’akatua ne nea ɛwɔ he? Ɛne sɛ, meka asɛmpa no a, memfa akatua biara mmata ho, na mamfa tumi a wɔde ama me wɔ asɛmpa no ho no manyɛ biribi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno de, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ minya? Ɛyɛ ahohoahoade sɛ wobɛka asɛmpa no na wunnye hwee na wummisa kyɛfa biara nso.