1 Corinthians 9:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a me ne Yudafoɔ te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Mʼankasa nso na menhyɛ Mose Mmara ase, nanso metenaa ase sɛdeɛ Mose Mmara di me so sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Meyɛɛ me ho sɛ Yudani memaa Yudafoɔ, na manya Yudafoɔ; wɔn a wɔwɔ mmara aseɛ no, (ɛwom sɛ menhyɛ mmara ase deɛ,) nanso meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔwɔ mmara aseɛ memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara aseɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Meyɛɛ me ho sɛ Yudani memaa Yudafoɔ, na manya Yudafoɔ; wɔn a wɔwɔ mmara aseɛ no, (ɛwom sɛ menhyɛ mmara ase deɛ,) nanso meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔwɔ mmara aseɛ memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara aseɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Meyɛɛ me ho sɛ Yudani memaa Yudafo, na manya Yudafo; wɔn a wɔwɔ mmara ase no, (ɛwom sɛ menhyɛ mmara ase de), nanso meyɛɛ me ho sɛ nea ɔwɔ mmara ase memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara ase no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a me ne Yudafo te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani, sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Metenaa ase sɛnea Mose Mmara di me so, mmom na mankasa nhyɛ mmara no ase de, sɛnea mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn.