1 Corinthians 9:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn a wɔn gyidie yɛ mmerɛ no, meyɛɛ sɛ wɔn ara sɛdeɛ mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛdeɛ ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛdeɛ mɛtumi afa ɛkwan biara a ɛbɛyɛ yie so magye wɔn mu bi nkwa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔn a wɔyɛ mmerɛ no, meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔyɛ mmerɛ memaa wɔn, na manya wɔn a wɔyɛ mmerɛ no; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ deɛn ara a, magye ebinom nkwa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔn a wɔyɛ mmerɛ no, meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔyɛ mmerɛ memaa wɔn, na manya wɔn a wɔyɛ mmerɛ no; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ deɛn ara a, magye ebinom nkwa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, meyɛɛ me ho sɛnea ɔyɛ mmerɛw memaa wɔn, na manya wɔn a wɔyɛ mmerɛw no; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ dɛn ara a, magye ebinom nkwa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn a wɔn gyidi yɛ mmerɛw no, meyɛɛ sɛ wɔn ara, sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛnea ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛnea metumi afa ɔkwan biara a ɛbɛyɛ yiye so agye wɔn mu bi nkwa.