1 Corinthians 9:26 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akɔwie no. Ɛno enti na mete sɛ okuturukubɔni a ne kuturuku mfom no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Saa nti, me deɛ, ammirika a metuo yi, mentu no asunsumabo, kuturukuo a mebɔ yi, memmɔ no sɛ deɛ ɔreboro mframa,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Saa nti, me deɛ, ammirika a metuo yi, mentu no asunsumabo, kuturukuo a mebɔ yi, memmɔ no sɛ deɛ ɔreboro mframa,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ne saa nti me de, mmirika a mitu yi, mintu no asunsumabo mu; kuturuku a mebɔ yi, memmɔ no sɛ nea ɔreboro mframa,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akowie no. Ɛno nti na mete sɛ okuturukuboni a ne kuturuku mfom no.