1 John 4:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ amapa pam ehu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti, deɛ ɔyɛ ohufoɔ no nwie pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛdi mu no pam ehu, ɛfiri sɛ ehu ne asotwe na ɛnam, na deɛ ɔsuro no nwiee pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛdi mu no pam ehu, ɛfiri sɛ ehu ne asotwe na ɛnam, na deɛ ɔsuro no nwiee pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛyɛ pɛ no pam ehu, efisɛ ehu ne asotwe na ɛnam, na nea osuro no nwiee pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ ankasa pam hu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti nea ɔyɛ ohufo no nwie pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu.