1 Kings 1:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde anantwie ne anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ. Na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa ne ɔsɔfoɔ Abiatar ne Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no. Nanso, wanto nsa amfrɛ wo ɔsomfoɔ Salomo bi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wakum anantwie ne nyɛmmoa ne nnwan bebree, na wahyiahyia ahene mma nyinaa ne Ɔsɔfoɔ Abiatar ne Ɔsahene Yoab, na w’akoa Salomo deɛ, wanto ne nsa amfrɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wakum anantwie ne nyɛmmoa ne nnwan bebree, na wahyiahyia ahene mma nyinaa ne Ɔsɔfoɔ Abiatar ne Ɔsahene Yoab, na w’akoa Salomo deɛ, wanto ne nsa amfrɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wakunkum anantwi ne nyɛmmoa ne nguan bebree, na wahyiahyia ahenemma nyinaa ne ɔsɔfo Abiatar ne ɔsahene Yoab, na w’akoa Solomon de, wanhyia no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔde anantwi ne anantwi mma a wɔadodɔ srade ne nguan abɔ afɔre. Na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmabarima nyinaa ne ɔsɔfo Abiatar ne Yoab a ɔyɛ asraafo no sahene no. Nanso wanto nsa amfrɛ wo somfo Salomo bi.