1 Kings 1:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛnnɛ, ɔde anantwie, anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan abɔ afɔdeɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmammarima nyinaa, ma wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ akodɔm sahene no ne ɔsɔfoɔ Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teateam sɛ, ‘Ɔhene Adoniya nkwa so!’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛnnɛ wasiane kɔ, na wakɔkum anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan bebree, na wahyia ɔhene mma nyinaa ne asafohene ne Ɔsɔfoɔ Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adoniya nkwa so!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛnnɛ wasiane kɔ, na wakɔkum anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ ne nnwan bebree, na wahyia ɔhene mma nyinaa ne asafohene ne Ɔsɔfoɔ Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adoniya nkwa so!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛnnɛ wasian kɔ, na wakokum anantwinini, ne anantwi a wɔadɔ srade, ne nguan bebree, na wahyia ahenemma nyinaa ne asafohene ne ɔsɔfo Abiatar, na hwɛ, wɔredidi na wɔrenom n’anim, na wɔka sɛ: Ɔhene Adonigya tiri nkwa!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnɛ, ɔde anantwi, anantwi mma a wɔadodɔ srade ne nguan abɔ afɔre, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmabarima nyinaa maa wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ asraafo so sahene no ne ɔsɔfo Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teɛteɛ mu se, ‘Ɔhene Adoniya nkwa so!’