1 Kings 1:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene Dawid hyɛɛ sɛ, “Momfrɛ ɔsɔfoɔ Sadok, odiyifoɔ Natan ne Yehoiada babarima Benaia mma me.” Wɔbaa ɔhene anim no,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔhene Dawid kaa sɛ: Momfrɛ Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia mma me. Na wɔbaa ɔhene anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔhene Dawid kaa sɛ: Momfrɛ Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan ne Yoiada ba Benaia mma me. Na wɔbaa ɔhene anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Ɔhene Dawid kae sɛ: Momfrɛ ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan ne Yoiada ba Benaia mma me. Na wɔbaa ɔhene anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene Dawid hyɛɛ se, “Momfrɛ ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan ne Yehoiada babarima Benaia mma me.” Wɔbaa ɔhene anim no,