1 Kings 1:41 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adoniya ne nʼahɔhoɔ tee osebɔ ne nteateam ɛberɛ a wɔreyɛ awie wɔn apontoɔ no. Na Yoab tee totorobɛnto nne no, ɔbisaa sɛ, “Na asɛm bɛn na asie? Na adɛn nso na kuro no mu ayɛ gyegyeegye yi?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Adoniya ne wɔn a wahyia wɔn a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa teeɛ. Na wɔawie adidi; na Yoab tee totorobɛnto no nka no, ɔkaa sɛ: Kuro no mu hooyɛ a yɛteɛ yi ase ne sɛn?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Adoniya ne wɔn a wahyia wɔn a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa teeɛ. Na wɔawie adidi; na Yoab tee totorobɛnto no nka no, ɔkaa sɛ: Kuro no mu hooyɛ a yɛteɛ yi ase ne sɛn?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Adonigya ne wɔn a wahyia wɔn a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa tee; na wɔawie adidi; na Yoab tee torobɛnto no nka no, ɔkae sɛ: Kurow no mu hooyɛ a yɛte yi ase ne dɛn?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adoniya ne nʼahɔho tee osebɔ ne nteɛteɛmu bere a wɔreyɛ awie wɔn aponto no. Yoab tee torobɛnto nne no, obisae se, “Na asɛm bɛn na asi? Na adɛn nso na kurow no mu ayɛ gyegyeegye yi?”