1 Kings 1:42 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a ɔgu so rekasa no, Yonatan a ɔyɛ ɔsɔfoɔ Abiatar babarima no kɔɔ hɔ. Adoniya ka kyerɛɛ no sɛ, “Bra mu, ɛfiri sɛ, woyɛ onipa papa. Minim sɛ asɛm pa wɔ wʼano.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔda so rekasa no, hwɛ, Ɔsɔfoɔ Abiatar ba Yonatan bae; na Adoniya kaa sɛ: Bra, na woyɛ ɔbarima a wofata, na wokura kaseɛ pa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔda so rekasa no, hwɛ, Ɔsɔfoɔ Abiatar ba Yonatan bae; na Adoniya kaa sɛ: Bra, na woyɛ ɔbarima a wofata, na wokura kaseɛ pa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔda so rekasa no, hwɛ, ɔsɔfo Abiatar ba Yonatan bae; na Adonigya kae sɛ: Bra, na woyɛ ɔbarima a wutumi, na wukura kaseɛ pa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a ogu so rekasa no, Yonatan a ɔyɛ ɔsɔfo Abiatar babarima no kɔɔ hɔ. Adoniya ka kyerɛɛ no se, “Bra mu, efisɛ woyɛ onipa papa. Minim sɛ asɛm pa wɔ wʼano.”