1 Kings 1:45 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɛnna Sadok ne Natan sraa no ngo sɛ ɔhene foforɔ. Wɔreba ara ni, na kuro mu no nyinaa agye bum ahokeka so. Gyegyeegye no asekyerɛ ara ne no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan asra no de no asi hene Gihon, na wɔde anigyeɛ de no aforo afiri hɔ aba, na kuro no mu ayɛ hoo: Ɛno ne gyegyeegye a moteeɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na Ɔsɔfoɔ Sadok ne Odiyifoɔ Natan asra no de no asi hene Gihon, na wɔde anigyeɛ de no aforo afiri hɔ aba, na kuro no mu ayɛ hoo: Ɛno ne gyegyeegye a moteeɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan asra no de no asi hene Gihon, na wɔde anigye de no aforo afi hɔ aba, na kurow no mu ayɛ hoo: Ɛno ne gyegyeegye a motee no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na Sadok ne Natan sraa no ngo sɛ ɔhene foforo. Wɔreba ara ni, na kurow mu no nyinaa agye bum ahokeka so. Gyegyeegye no nkyerɛase ara ne no.