1 Kings 1:49 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhɔ ara, Adoniya ahɔhoɔ no nyinaa de ehu gyee bum, firii apontoɔ no ase, na ntɛm so, obiara kɔɔ ne kwan.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna nnipa a wɔahyia wɔn a wɔyɛ Adoniya deɛ no nyinaa ho popoe, na wɔsɔresɔree sisii wɔn akwan so kɔe.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna nnipa a wɔahyia wɔn a wɔyɛ Adoniya deɛ no nyinaa ho popoe, na wɔsɔresɔree sisii wɔn akwan so kɔe.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna nnipa a Adonigya ahyia wɔn no nyinaa bobɔɔ piriw, na wɔsɔresɔree, na obiara sii ne kwan so kɔe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛhɔ ara, Adoniya ahɔho no nyinaa de hu gyee bum, fii aponto no ase, na ntɛm so, obiara kɔɔ ne kwan.