1 Kings 1:53 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, ɔhene Salomo frɛɛ Adoniya, na wɔde no firi afɔrebukyia no so kɔeɛ. Ɔkotoo ɔhene no, na Salomo ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa no firii afɔrebukyia no ho siane bae. Na ɔba bɛkotoo Ɔhene Salomo, na Salomo ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ wo fie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔhene Salomo soma maa wɔkɔfaa no firii afɔrebukyia no ho siane bae. Na ɔba bɛkotoo Ɔhene Salomo, na Salomo ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ wo fie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene Solomon soma ma wɔkɔfaa no fii afɔremuka no ho sian bae. Na ɔbae bɛkotow ɔhene Solomon, na Solomon ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ wo fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti ɔhene Salomo frɛɛ Adoniya, na wɔde no fi afɔremuka no so kɔe. Ɔkotow ɔhene no, na Salomo ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie.”