1 Kings 1:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Adoniya kɔɔ Sohelet boɔ a ɛbɛn En-Rogel asutire ho. Ɛhɔ na ɔde nnwan, anantwie ne anantwie mma bɔɔ afɔdeɛ. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuammarima nyinaa, ɔhene Dawid mmammarima no, ne Yuda adehyeɛ mpanimfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Adoniya kumm nnwan, anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ wɔ Sohelet Boɔ a ɛwɔ En-rogel ho no so, na ɔhyiahyiaa ne nuanom ahene mma no nyinaa ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Adoniya kumm nnwan, anantwie ne anantwie a wɔadɔre sradeɛ wɔ Sohelet Boɔ a ɛwɔ En-rogel ho no so, na ɔhyiahyiaa ne nuanom ahene mma no nyinaa ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Adonigya kunkum nguan ne anantwi ne anantwi a wɔadɔ srade, Sohelet bo a ɛwɔ En-rogel ho no so, na ohyiahyiaa ne nuanom ahenemma no nyinaa ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Adoniya kɔɔ Sohelet Bo a ɛbɛn En-Rogel asuti ho. Ɛhɔ na ɔde nguan, anantwi ne anantwi mma bɔɔ afɔre. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuabarimanom nyinaa, ɔhene Dawid mmabarima no, ne Yuda adehye mpanyimfo.