1 Kings 10:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔsane yɛɛ sikakɔkɔɔ akokyɛm nketewa ahasa a wɔde hamre boroeɛ a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram mmiɛnsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa akokyɛm yi wɔ Lebanon Kwaeɛ Ahemfie mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔde sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm nkumaa ahasa; sika mmɛnaa mmiɛnsa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔde sika a wɔaborɔ yɛɛ akyɛm nkumaa ahasa; sika mmɛnaa mmiɛnsa na ɔde duraa akyɛm no mu biara ho. Na ɔhene de kɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔde sika a wɔaboro yɛɛ akyɛm nkumaa ahasa; sika mmɛnnaa abiɛsa na ɔde duraa akyɛm no mmiako mmiako ho. Na ɔhene de kosiee Lebanon kwae dan no mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bio, ɔyɛɛ akyɛm nketewa bi a ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛe a, emu biara mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no de saa akyɛm yi nyinaa kosiee ahemfi hɔ baabi bi a wɔfrɛ hɔ Lebanon Kwae Ahemfi.