1 Kings 11:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn pagyaa Eliada babarima Reson nso ma ɔbɛyɛɛ ɔtamfoɔ tiaa Salomo. Reson dwane firii ne wura ɔhene Hadadeser a ɔfiri Soba nkyɛn
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Onyankopɔn maa ɔtamfoɔ bi, Eliada ba Reson a ɔdwane firii ne wura Hadad-eser, Sobahene, nkyɛn no sɔre tiaa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Onyankopɔn maa ɔtamfoɔ bi, Eliada ba Reson a ɔdwane firii ne wura Hadad-eser, Sobahene, nkyɛn no sɔre tiaa no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Onyankopɔn maa ɔperedifo bi, Eliada ba Reson a oguan fii ne wura Hadad-eser, Soba hene, nkyɛn no sɔre hyɛɛ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn pagyaw Eliada babarima Reson nso ma ɔbɛyɛɛ ɔtamfo tiaa Salomo. Reson guan fii ne wura ɔhene Hadadeser a ofi Soba nkyɛn