1 Kings 11:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Reson bɛyɛɛ Israel ɔtamfoɔ kɛseɛ wɔ Salomo ahennie nkaeɛ no nyinaa mu; na ɔyɛɛ ɔteeteefoɔ sɛdeɛ Hadad yɛeɛ no. Reson kɔɔ so tanee Israel dendeenden, na ɔtoaa so dii ɔhene wɔ Aram.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔyɛɛ Israel tamfoɔ Salomo nna nyinaa, kaa bɔne a Hadad yɛeɛ no ho; na ɔkyirii Israel, na ɔdii Siria so hene.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔyɛɛ Israel tamfoɔ Salomo nna nyinaa, kaa bɔne a Hadad yɛeɛ no ho; na ɔkyirii Israel, na ɔdii Siria so hene.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔne Israel dii apere Solomon nna nyinaa kaa bɔne a Hadad yɛe no ho; na okyii Israel, na odii Siria so hene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Reson bɛyɛɛ Israel tamfo kɛse wɔ Salomo ahenni nkae no nyinaa mu; na ɔyɛɛ ɔteeteefo sɛnea Hadad yɛe no. Reson kɔɔ so tan Israel denneennen, na ɔtoaa so dii hene wɔ Aram.