1 Kings 11:29 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda bi a Yeroboam refiri Yerusalem no, ɔhyiaa odiyifoɔ Ahiya, Siloni, wɔ ɛkwan so a ɔhyɛ atadeɛ foforɔ. Na wɔn baanu nko na wɔwɔ wiram hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na berɛ no mu, Yeroboam firi Yerusalem rekorɔ no, Odiyifoɔ Ahia, Siloni, bɛhunuu no ɔkwan no so; nso na ɔfira ntoma foforɔ, na wɔn mmienu pɛ na na ɛwɔ wiram hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na berɛ no mu, Yeroboam firi Yerusalem rekorɔ no, Odiyifoɔ Ahia, Siloni, bɛhunuu no ɔkwan no so; nso na ɔfira ntoma foforɔ, na wɔn mmienu pɛ na na ɛwɔ wiram hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛbere no mu, Yeroboam fi Yerusalem rekɔ no, odiyifo Ahia, Siloni, behuu no ɔkwan no so; nso na ofura ntama foforo, na wɔn baanu pɛ na ɛwɔ wuram hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da bi a Yeroboam refi Yerusalem no, ohyiaa odiyifo Ahiya, Siloni, wɔ kwan so a ɔhyɛ atade foforo. Na wɔn baanu nko na wɔwɔ wuram hɔ.