1 Kings 11:35 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na mɛgye ahemman no afiri ne babarima nsam, na mede mmusuakuo no mu edu ama wo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛgye ahennie no ne ba nsam, na mede mmusuakuo du mama wo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛgye ahennie no ne ba nsam, na mede mmusuakuo du mama wo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na megye ahenni no ne ba nsam, na mede mmusuakuw du mama wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na megye ahemman no afi ne babarima nsam, na mede mmusuakuw no mu du ama wo.