1 Kings 11:38 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wotie asɛm a meka kyerɛ wo, na wonante mʼakwan mu, na woyɛ deɛ medwene sɛ ɛyɛ, na wotie me mmara, di mʼahyɛdeɛ so, sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ, daa mɛka wo ho. Mɛtim wo fie adedie ase, sɛdeɛ meyɛ maa Dawid no, na mede Israel bɛma wo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ wotie deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa na wonante m’akwan so na woyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, sɛ wobɛdi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ mɛdi w’akyi na masi efie a ɛtim hɔ mama wo; sɛdeɛ mesi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ wotie deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa na wonante m’akwan so na woyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, sɛ wobɛdi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ mɛdi w’akyi na masi efie a ɛtim hɔ mama wo; sɛdeɛ mesi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na sɛ wutie nea mɛhyɛ wo nyinaa na wonantew m’akwan so na woyɛ nea ɛteɛ m’ani so, sɛ wubedi m’ahyɛde ne me mmara nsɛm so sɛnea m’akoa Dawid yɛe no a, ɛnne medi w’akyi na masi ofi a etim hɔ mama wo; sɛnea misi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ wutie asɛm a meka kyerɛ wo, na wonantew mʼakwan mu, na woyɛ nea midwen sɛ eye, na wutie me mmara, di mʼahyɛde so, sɛnea me somfo Dawid yɛe no a, ɛno de, daa mɛka wo ho. Metim wo fi adedi ase, sɛnea meyɛ maa Dawid no, na mede Israel bɛma wo.