1 Kings 11:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Salomo sisii abosonnan yi maa nʼananayerenom nyinaa, sɛ wɔnhye nnuhwam, na wɔmmɔ afɔdeɛ mma wɔn anyame wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na saa na ɔyɛ maa ne yerenom ananafoɔ ma wɔhyee aduhwam na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn anyame no nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na saa na ɔyɛ maa ne yerenom ananafoɔ ma wɔhyee aduhwam na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn anyame no nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na saa na ɔyɛ maa ne yerenom ananafo a wɔhyew aduhuam na wɔbɔ afɔre ma wɔn anyame no nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Salomo sisii abosonnan yi maa nʼananayerenom nyinaa, sɛ wɔnhyew nnuhuam, na wɔmmɔ afɔre mma wɔn anyame wɔ hɔ.