1 Kings 12:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nʼatipɛnfoɔ mmabunu buaa no sɛ, “Ka kyerɛ wɔn a wɔnwiinwii no sɛ, ‘Me kɔkorɔbɛto mu pi sene mʼagya asene; sɛ modwene sɛ ɔhyɛɛ mo so dodo a, montwɛn na monhwɛ sɛdeɛ mɛyɛ.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mmeranteɛ a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m’agya asene,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mmeranteɛ a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m’agya asene,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mmerante a wɔne no nyinii no ka kyerɛɛ no sɛ: Ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔndua yɛɛ duru, na wo de, yɛ no hare ma yɛn, no, ka kyerɛ wɔn sɛ: Me nsatea kokɔbɛto so sen m’agya asen,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mmerante no buae se, “Asɛm a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn ne se, ‘Me nsateaa ketewa no mu piw sen mʼagya asen mu. Na sɛ modwene sɛ na ɔyɛ den wɔ mo so a, montwɛn na mubehu sɛnea mete.’