1 Kings 12:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin akodɔm ano. Ɔyii akofoɔ mpem ɔha ne aduɔwɔtwe, sɛ wɔrekɔko atia Israel akodɔm, na wɔafa ahemman no adi so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda fie nyinaa ne Benyamin abusuakuo ano, nnipa a wɔayi wɔn a wɔtu sa mpemha aduɔwɔtwe sɛ ɔne Israel fie rekɔko, na wɔadane ahennie no ama Salomo ba Rehoboam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda fie nyinaa ne Benyamin abusuakuo ano, nnipa a wɔayi wɔn a wɔtu sa mpemha aduɔwɔtwe sɛ ɔne Israel fie rekɔko, na wɔadane ahennie no ama Salomo ba Rehoboam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda fi nyinaa ne Benyamin abusuakuw ano, nnipa a wɔapaw wɔn a wotu sa ɔpeha aduɔwɔtwe sɛ ɔne Israel fi rekɔko, na wɔadan ahenni no ama Solomon ba Rehoboam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin asraafo ano. Oyii akofo mpem ɔha ne aduɔwɔtwe, sɛ wɔrekɔko atia Israel asraafo, na wɔafa ahemman no adi so.