1 Kings 13:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn onipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Merentumi nsane mʼakyi. Menni ho ɛkwan sɛ medidi anaa menom nsuo wɔ ha.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔse: Mentumi ne wo nsane na me ne wo nkɔ, nso merennidi na me ne wo rennom nsuo ɛha yi, na wɔnam AWURADE asɛm so see me sɛ:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔse: Mentumi ne wo nsane na me ne wo nkɔ, nso merennidi na me ne wo rennom nsuo ɛha yi, na wɔnam AWURADE asɛm so see me sɛ:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ose: Merentumi ne wo nsan na me ne wo renkɔ, nso me ne wo rennidi nnom wɔ ha, efisɛ wɔde AWURADE asɛm hyɛɛ me sɛ:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no se, “Merentumi nsan mʼakyi. Minni ho kwan sɛ mididi anaa menom nsu wɔ ha.