1 Kings 13:28 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkɔeɛ kɔhunuu sɛ amu no da ɛkwan mu. Na afunumu no ne gyata no da so gyinagyina ne ho a, gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afunumu no nso so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔkɔ kɔhunuu efunu no sɛ ɛda ɔkwan no mu, na afunumu no ne gyata no gyinagyina efunu no ho. Gyata no nwee funu no, na ɔmpiraa afunumu no nso.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔkɔ kɔhunuu efunu no sɛ ɛda ɔkwan no mu, na afunumu no ne gyata no gyinagyina efunu no ho. Gyata no nwee funu no, na ɔmpiraa afunumu no nso.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkɔe kohuu funu no sɛ ɛda ɔkwan no mu, na afurum no ne gyata no gyinagyina funu no ho; gyata no nnii funu no, na ɔntetew afurum no nso ɛ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkɔ kohuu sɛ amu no da ɔkwan mu. Na afurum no ne gyata no da so gyinagyina ne ho, a gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afurum no nso so.