1 Kings 14:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Me, Awurade, meka ntam sɛ, wo fiefoɔ a wɔbɛwuwu wɔ kuro no mu no, nkraman na wɔbɛwe wɔn ɛnam, na wɔn a wɔbɛwuwu wiram no nso, apete na wɔbɛsosɔ wɔn ɛnam.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yeroboam nipa biara a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam. AWURADE na waka.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yeroboam nipa biara a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam. AWURADE na waka.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Yeroboamni a obewu kurow mu no, akraman na ebedi ne nam, na nea obewu wuram no, wim nnomaa na ebedi ne nam, AWURADE na aka.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Me, Awurade, meka ntam se, wo fifo a wobewuwu wɔ kurow no mu no, akraman na wɔbɛwe wɔn nam, na wɔn a wobewuwu wuram no nso, apete na wɔbɛsosɔw wɔn nam.’ ”