1 Kings 14:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Awurade bɛwoso Israel te sɛ sibire a ɛhinhim wɔ asuwa ani. Ɔbɛtutu Israelfoɔ ase afiri saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, ɛfiri sɛ, wɔnam som a wɔsom Asera afɔrebukyia no so ahyɛ Awurade abufuo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
AWURADE bɛbɔ Israel sɛdeɛ demmire woso nsuo mu, na watutu Israel afiri asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ wɔn apete akɔ asuogya, ɛsiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
AWURADE bɛbɔ Israel sɛdeɛ demmire woso nsuo mu, na watutu Israel afiri asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ wɔn apete akɔ asuogya, ɛsiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE bɛbɔ Israel sɛnea demmire wosow nsu mu, na watutu Israel afi asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ wɔn apete akɔ asuogya, esiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Awurade bɛwosow Israel te sɛ sibiri a ehinhim wɔ asuwa ani. Obetutu Israelfo ase afi saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, efisɛ wɔnam som a wɔsom Asera nnua no so ahyɛ Awurade abufuw.