1 Kings 14:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Rehoboam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom koraberɛ wɔ Dawid kurom. Na ne maame din de Naama a ɔyɛ Amonni baa. Afei, ne babarima a ne din de Abiyam na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Rehoboam toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn, Dawid kuro mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ne ba Abiam bɛdii n’adeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Rehoboam toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn, Dawid kuro mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ne ba Abiam bɛdii n’adeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Rehoboam tiw n’agyanom kɔɔ asaman, na wosiee no n’agyanom nkyɛn, Dawid kurow mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ne ba Abiam bedii n’ade.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Rehoboam wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom korabea wɔ Dawid kurom. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonnibea. Na ne babarima a ne din de Abiyam na odii nʼade sɛ ɔhene.