1 Kings 14:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, na Awurade aka akyerɛ Ahiya sɛ, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforɔ. Ɔbɛbisa wo ne babarima no ho asɛm, ɛfiri sɛ, ɔyare dendeenden. Sɛ ɛba saa a, fa mmuaeɛ a mede bɛma wo no ma no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Ahia sɛ: Hwɛ, Yeroboam yere reba abɛbisa wo hɔ asɛm ne ba ho, ɛfiri sɛ ɔyare. Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no. Ɔbaeɛ no, ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔbaa foforɔ bi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Ahia sɛ: Hwɛ, Yeroboam yere reba abɛbisa wo hɔ asɛm ne ba ho, ɛfiri sɛ ɔyare. Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no. Ɔbaeɛ no, ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔbaa foforɔ bi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE ka kyerɛɛ Ahia sɛ: Hwɛ, Yeroboam yere reba abebisa wo hɔ asɛm, ne ba ho, efisɛ ne ba no yare. Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no. Efisɛ sɛ ɔba a, ɔbɛsakra ne ho ayɛ sɛ obi foforo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso na Awurade aka akyerɛ Ahiya se, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforo. Obebisa wo ne babarima no ho asɛm, efisɛ ɔyare denneennen. Sɛ ɛba saa a, fa mmuae a mede bɛma wo no ma no.”